Nhwɛsoɔ:Infobox interventionsAwo ano a wosiw, a wɔsan frɛ no contraception ne awo ho anohyeto, yɛ akwan anaa nnwinnade a wɔde siw nyinsɛn kwan.[1] Awo anosiw a wɔyɛ ho nhyehyɛe, wɔma ɛwɔ hɔ na wɔde di dwuma yɛ nea wɔfrɛ no abusua kɛse ho nhyehyɛe.[2][3] Wɔde akwan a wɔfa so siw awo ano adi dwuma fi tete, nanso akwan a wɔfa so yɛ no kwan pa so bae wɔ afeha a ɛto so aduonu mu.[4] Aman binom de anohyeto ma anaa wɔnnhyɛ awo anosiw ho nkuran esiane sɛ wɔte nka sɛ enye wɔ abrabɔ, ɔsom anaa amammui mu nti.[4]
Wɔ mmabun a wonnii mfe aduonu mu no, wɔn nyinsɛn nta mmfa nsunsuanso papa mma. Nna ho nkyerɛkyerɛ a ɛkɔ akyiri ne awo anosiw ho nnuru a wɔde ma brɛ nyinsɛn a wɔmpɛ ase wɔ mmabun yi mu.[11][12] Ɛwom sɛ mmabun tumi de awo anosiw kwan biara adi dwuma de nanso[13]nea ɛbɛyɛ adwuma akyɛ a obi betumi asan akɔ dedaw mu te sɛ nea wɔde hyɛ nipaduam, IUD, anaa ɔbea ase kawa yɛ nea edi dwuma yiye de te mperewanyinsɛn so.[12] Bere a ɔbea awo akyi no, sɛ ɛnyɛ nufusu nkutoo na ɔde ma akokoaa no a, obetumi asan anyinsɛn wɔ nnawɔtwe anan kosi asia ntam. Awo anosiw akwan bi wɔ hɔ a wobetumi afi ase wɔ awo akyi pɛɛ, bere a afoforo de ebehia sɛ wɔtwentwɛn so kakra bɛyɛ bosome asia akyi. Wɔ mmea a wɔma nufusu fam no, progestin nkutoo akwan yɛ nea wɔpɛ sen atopae a wɔnom de siw awo ano. Wɔ mmea a wɔadu bra twa mu no, wɔhyɛ nyansa sɛ wɔbɛkɔ so asiw awo ano afe biako bere a wɔatwa bra no akyi.[13]
Mmea bɛyɛ ɔpepem ahanu aduonu abien a wɔmpɛ sɛ wɔfa afuru a wɔwɔ aman a wonni bi yɛ nea wɔmfa akwan a aba so nsiw awo ano.[14][15] Awo anosiw wɔ aman a wonni bi mu abrɛ nkwa a wɔhwere wɔ awo mu anaa awo akyi bɛyɛ ɔha mu nkyekyem aduanan(bɛyɛ nnipa mpem ahanu aduosɔn a anka wɔbɛhwere wɔn nkwa) na ebesiw ano ɔha mu nkyekyem aduosɔn sɛ wotumi de awo anosiw akwan no ma sɛnea ɛsɛ a.[16][17] Denam awo ntam a wɔma emu twe no, awo anosiw betumi ama mmea awo ayɛ nea ɔhaw nnim na ɛma wɔn mma nso tena nkwa mu.[16] Wɔ aman a wonni bi mu no, mmea akatua agyapade,wɔn mu duru, ne wɔn mma sukuukɔ ne wɔn akwanhosan nyinaa yɛ nea anya nkɔanim esiane awo anosiw a wɔyɛ nti.[18] Awo anosiw ma nkɔso wɔ sikasɛm mu esiane sɛ wonni mma pii a wɔbɛhwɛ wɔn na mmea pii tumi de wɔn ho hyɛ nnwuma mu, na wɔde nneɛma di dwuma kwan pa so.[18][19]
↑World Health Organization (WHO). "Family planning". Health topics. World Health Organization (WHO).
↑ 4.04.1Hanson, S.J.; Burke, Anne E. (21 December 2010). "Fertility control: contraception, sterilization, and abortion". In Hurt, K. Joseph; Guile, Matthew W.; Bienstock, Jessica L.; Fox, Harold E.; Wallach, Edward E. (eds.). The Johns Hopkins manual of gynecology and obstetrics (4th ed.). Philadelphia: Wolters Kluwer Health/Lippincott Williams & Wilkins. pp. 382–395. ISBN978-1-60547-433-5. {{cite book}}: Unknown parameter |chapterurl= ignored (help)
↑Taliaferro, L. A.; Sieving, R.; Brady, S. S.; Bearinger, L. H. (2011). "We have the evidence to enhance adolescent sexual and reproductive health--do we have the will?". Adolescent medicine: state of the art reviews. 22 (3): 521–543, xii. PMID22423463.
↑Gizzo, S; Fanelli, T; Di Gangi, S; Saccardi, C; Patrelli, TS; Zambon, A; Omar, A; D'Antona, D; Nardelli, GB (October 2012). "Nowadays which emergency contraception? Comparison between past and present: latest news in terms of clinical efficacy, side effects and contraindications". Gynecological endocrinology : the official journal of the International Society of Gynecological Endocrinology. 28 (10): 758–63. doi:10.3109/09513590.2012.662546. PMID22390259.
↑Black, A. Y.; Fleming, N. A.; Rome, E. S. (2012). "Pregnancy in adolescents". Adolescent medicine: state of the art reviews. 23 (1): 123–138, xi. PMID22764559.
↑ 12.012.1Rowan, S. P.; Someshwar, J.; Murray, P. (2012). "Contraception for primary care providers". Adolescent medicine: state of the art reviews. 23 (1): 95–110, x–xi. PMID22764557.