2015 Topae a Ɛpae wɔ Nkran2015 Topae a Ɛpae wɔ Nkran
![]() Topae a Ɛpaeɛ wɔ Nkran (2015 Accra explosion) no sii wɔ Ayɛwohomumɔ 3, 2015. Nneɛma a ɛpaee, a ɛde ogya bae no sii wɔ pɛtro adwumayɛbea bi a ɛwɔ Ghana ahenkurow Nkran mu, na ekunkum nnipa bɛboro 250.[1][2][3] Ma ɔsiiNa osiane nsu kɛse bi ɔretɔ nti wɔde GOIL fango bea a ɛbɛn Kwame Nkrumah Interchange a ɛwɔ kuropɔn no mfimfini no ayɛ guankɔbea afi nsuyiri a efi nsu a ɛtɔe nna pii wɔ kurow no mu na ɛbae no, na na nnipa, kar ne bɔs ahyɛ hɔ ma, na na wɔretwɛn sɛ wobefi hɔ akɔ mmeae ahorow a wɔrekɔ bere a ɔtopae no paee gui no.[4][5] Wonnim faako a ɔtopae no fi bae nanso wogye di sɛ esii wɔ beaɛ a pɛtro gu no. Obi a onyaa ne ti didii mu wɔ asiene yi mu kae sɛ na anyinam ahoɔden nni hɔ ahyeɛse no, nanso bere a wɔsan de anyinam ahoɔden no bae akyi no, wɔtee "dede kɛse" bi na afei ogya no paeɛ.[2] Ogya no kum nnipa bɛyɛ 96 aber na wɔrepɛ guankɔbea afi nsu no mu no. Esiane nsuyiri no nti, na nsu afra pɛtro (fango) no mu, na bere a fangokorabea ahorow no paeɛ no, nsu no maa ogya no trɛw kɔɔ adan a ɛbɛn hɔ no mu kɛse, na ekunkum ɔman mma foforo. Osu a na ɛretɔ ne nsuyiri a ɛkɔɔ so no maa mmɔden a wɔbɔe sɛ wobegye nkurɔfo no yɛɛ den.[6][7] Wɔde afunu pii kɔɔ 37 Military Hospital, ayaresabea titiriw a ɛsõ sen biara wɔ Ghana, ma enti amu dan no mu yɛɛ ma.[8][9] Anamɔntu ahorowGhana ɔmanpanyin dada John Dramani Mahama kɔsraa beaeɛ hɔ, na ɔfrɛɛ sɛ wɔnni awerɛhoɔ nnansa wɔ esiane a ɛfiri aseɛ wɔ Ayɛwohomumɔ 8, 2015 no ho. Ɔsan nso maa kwan sɛ wɔmfa sika GH₵ ɔpepem 60 (dɔla ɔpepem 14.5) mma mmfa mmoa.[10][11] Ɔmanpanyin Mahama kaa sɛ ɔbɛhyɛ aseɛ ahyɛ mmara a ɛbɛma wɔasiw adan a wɔsi wɔ nsuo kwan so no ano sɛdeɛ ɛbɛyɛ a akwanhyia a ɛte saa no rensi bio. Beaɛ a menyaa mmoa fii
|
Portal di Ensiklopedia Dunia