Nyinsɛn a asɛe
Nyinsɛn a asɛe
Nyinsɛn a asɛe (brɔfo kasa mu, Miscarriage) yɛ nyinsɛn a wɔhwere mpofirim ansa na awo bere aso.[1][2] Ɛtɔ mmere bi a wɔde asɛmfua nyinsɛn a asɛe di dwuma de kyerɛ nyinsɛn a wɔhwere ne nyinsɛn a wotu gu ansa na nyinsɛn no adi adapɛn 20. Nyinsɛn a ɛseɛ ansa na dapɛn a ɛto so 20 adu no yɛ ade titiriw a ɛhaw adwene wɔ Ghana, na ɛka mmea ne mmusua pii. SɛnkyerɛnneWɔntaa nhu sɛ obi renya Nyinsɛn a asɛe. Wɔ Ghana no, nneɛma ahorow a ema wɔtum hu nye asenemu yaw a ɛtaa yɛ kɛse sen Afikyikɔ mu yareɛ yaw no, Ekyir dompe mu yaw, mogyatuo ne nyisɛn mu haw ahorow a emu yɛ den.[3] Ɛho hia sɛ wokɔ oduruyɛfo ntɛm ara sɛ saa sɛnkyerɛnne ahorow yi bi ba a, efisɛ ɛtɔ mmere bi a, sɛ wohu haw yi ntɛm a, ebetumi aboa asiw nsɛnnennen ebetumi aba no ano. Ma ɛde baNneɛma a ɛde nyinsɛn a ɛsɛe ba no bi ne ɔwofo a wanyin, nyinsɛn a wadi kan atu, tawanom, kɛseyɛ mmoroso, asikyireyare, thyroid ho haw, ne nnubɔne anaa nsa a ɔnom. Awosu mu nneɛma a ɛnteɛ, nkwaadɔm a ɛnkari pɛ, ne awotwaa mu nhyehyɛe ho nsɛm nso ka ho. NsɔanoƐtɔ mmere bi a, wobetumi asiw Nyinsɛn a ɛseɛ ano denam ɔhwɛ pa a wɔyɛ ansa na wɔawo.[4]. Ɛwom ɛnyɛ nyinsɛn a ɛsɛe nyinaa na wobetumi asiw ano de, nanso nneɛma bi betumi atew asiane no so. Asetra pa a wobɛkɔ so akura mu, tebea horow a enni sabea a wobedi ho dwuma, ne nneɛma a epira a wobɛkwati ho hia.[2] Afofor mmoaSɛ obi to nyinsɛn sɛe a, ebetumi ama wahaw kɛse wɔ nkate fam, a awerɛhow, adwenemhaw, ne dadwen ka ho. Mmoa a efi abusuafo, nnamfo, ne akwahosan ho adwumayɛfo hɔ ho hia kɛse ma oni yi atumi adi ne nkate mu no so. Afotu ne mmoa akuw betumi ama mmea anya baabi a ahobammɔ wɔ a wɔbɛka wɔn suahu ahorow, aka wɔn akoma ato wɔn yam na wɔagyina wɔn haw no ano.[2] DawurobɔNyinsɛn a ɛsɛe ho dawuro a wɔbɛma nkurɔfo ate ase no ho hia wɔ aman pii so titiriw wɔ Ghana na aboa ama mmea pii ate saa haw yi ase yie. Nkyerɛkyerɛ a ɛfa nea ɛde ba, sɛnkyerɛnne ahorow, ne nea wɔde siw ano ho no betumi ama mmea atumi ahwehwɛ ayaresa ne mmoa a ɛfata.[5][6] Sua piiBeaɛ a menyaa mmoa fii
Information related to Nyinsɛn a asɛe |
Portal di Ensiklopedia Dunia